Psalms 46

Onyankopɔn ka yɛn ho

1Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden a wasiesie ne ho sɛ ɔbɛboa ɔhaw bere mu.
2Enti sɛ asase rewosow koraa a, yensuro, na sɛ mmepɔw tutu kogu ɛpo bon mu nso a, saa ara.
3Sɛ ɛpo huru so anibere so na nkoko wosow nhuruso no mu a, saa ara.
4Asu bi wɔ hɔ a ɛde ahokeka ba Onyankopɔn kurow mu,
Ɔsorosoroni kronkron no fi.
5Onyankopɔn te saa kurow no mu, na obiara rensɛe no da; anɔpahema, ɔbɛba abɛboa.
6Aman ho popo na ahemman nso wosow.
Onyankopɔn pae aprannaa na asase mene.
7 Awurade Tumfoɔ ka yɛn ho.
Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.
8Bɛhwɛ nea Awurade ayɛ.
Hwɛ anwonwade a wayɛ wɔ asase so.
9Ɔpata wiase ko nyinaa.
Obubu agyan, sɛe mpeaw, hyew nkatabo.
10Ɔka se, “Munnyae ɔko no na munhu sɛ me ne Onyankopɔn, aman so tumfoɔ ne wiase tumfoɔ.”
11 Awurade Tumfoɔ ka yɛn ho.
Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.
Copyright information for TwiNAK